
Baba Atta the great
I remember around 2016 getting to the elections. Big man bi baa yɛ area mu hɔ sɛ ɔpɛ boys ne omo ayɛ adwuma.
Saa time no na nneɛma mu ayɛ den kakra nti me kɔɔ yɛ.
Yɛɛ kɔɔ big man no fie na oma yɛ tena ne hall na ɔservi yɛ kama.
Nti big man no baa yɛ na ɔkaa sɛ adwuma a ɔpɛ sɛ ɔne yɛ yɛ ne sɛ ɔde yɛ ɛɛkɔ Jacobu na election time no duru a y’akɔ tentam ballot box adwane.
JOIN YAMOAHBLOG FOR MORE STORIES
Ɔkaa saa pɛ na boys mmiensa kaa sɛ omo deɛ omo ntumi ɛnyɛ…..omo wɔ yere wɔ mma wɔ fie.
Nti ɛkaa me ne bra baako, Baba Atta, ɔno deɛ adwuma biaa ɔbɛ yɛ bi.
W’ayɛ mason da,first na ɔdeda funu, w’atɔn kerosene da, w’atɔn angwamoo nyinaa da.
Election time no so yɛ na big man no de car bɛ faa yɛ kɔɔ Jacobu.
Yɛ duru hɔ no na ɔma yɛ kɔ hyɛɛ ngura bi mu ɛna ɔmaa me papers bi.
Ɛna ɔkaa sɛ Baba Atta na ɔbɛ kɔ akɔ tam ballot box no aba…sɛ ɔde ba pɛ na menso mɛ twa papers no agu ballot box no mu.
Nti man no kɔ han motor maa Baba Atta na ɔde kɔɔ baabi a na omo too aba no.
Nti yɛ deɛ yɛ hyɛ ngura no mu ɛtwɛn Baba Atta sɛ ɔbɛ ba….Yɛ twɛn no saa maa 4 kraa bɔ yɛ still no aa na Baba Atta ɛnbaa yɛ.
Ɛbɔɔ 5:30 na yɛ tee motor bi suu….Ɛhɔ a na me boaboa papers no ano.
Mɛ hu sɛ Baba Atta de speed abɛ fa baabi a yɛ wɔ no…akɔ gyina baabi.
Nti me sesaa papers no na me ne big man no de mirika kɔɔ baabi a Baba Atta wɔ no.
Yɛ kɔɔ yɛ a sɛɛ box a obi de tɔn ne tea bread na Baba Atta akɔ tam aba.
Ɛhɔ a na big man no twee tuo sɛ ɔde bɛ bɔ Baba Atta…..ɛhɔ a na me nso me tɔɔ ngura mu me dwanee yɛ…(Ɛnyɛ saa da no aa anka me nnim sɛ sɛɛ shortcut bi da ngura mu a wo tumi fa fri Jacobu kɔ pie Suame.)
Na me bɛ duru fie a sɛɛ Baba Atta aba fie dadaada….na ɔde ice kenkey kɔ akyima.

Leave a comment